4.8 KiB
Anyankosɛm bɛyɛ Anansesɛm
Sɛ yoyɛ a anyankonsɛm yɛ bɛ frɛ no anansesɛm
Kwaku Ananse na ɔkɔɔ Nyankonpɔn ho sɛ ɔmfa 'Nyankonsɛm mma no ntɔ. Nyame see, "Wo bɛtumi atɔ?" Ananse see, "Ei! Mɛtumi." Nymae see, "Akuro akantinka bɛ yɛ sɛ Kokofu, Bekwai, Asumengya aba, yɛ'antumi antɔ, na wo Kwafwiaban na wo bɛtumi?" Ananse see, "Ahe na yɛbɛtɔ no?" Nyame see, "Yɛ ntɔ mma hwee gye sɛ, Aboa Onini, Ɔsebɔ, Mmoatia, Mmoboro." Ananse see, "Me de nnooma yi nnyina bi bɛba, me de m'aberewa, Nsia, mɛka ho." Nyame see, "Kɔ fa bra ɛ."
Ananse baye, na ɔbɔɔ ɔni amanie sɛ, "Nyankonsɛm me pɛ sɛ me tɔ, na Nyame se me mfa Onini, Ɔsebɔ, Mmoatia, Mmoboro mmera, me see, me de wo bɛ ka ho ma kɔ ma Nyankopɔn." Na Ananse bisaa ne yere Aso sɛ, "Ɛbɛyɛ deɛn na yɛ'anya Onini?" Na Aso ka kyerɛɛ no sɛ, "Wodie kɔ twa tonton na twa demere ka ho, na fa bra." Na Ananse de baye. Na Aso see, "Fa kɔ asuom'."
Na Ananse de ekoro no, ɔsee, "Esene no, esene no; woboa, esene no." Ananse see, "Ɔno na oda doo no." Onini see, "Adɛn?" Ananse see, "Nyɛ Aso na ɔgye me akyinnyie, sɛ tonton yi kyen wo tenten, na me se ɔboa." Onini see, "Fa bra, bɛ susu me." Ɔde tonton no too Onini ho. Ɔsee, "Twe wo mu." Na Onini twe no mu, na Ananse de demere no too no so, nwenene! nwenene! nwenene! na ɛsii tire. Ananse see, "Kwasea, me de wo kɔ gye Anyankonsɛm." Ananse de no kɔ maa Nyame. Nyame see, "Me nsa aka, aka dee aka."
Ananse san baye bɛ bɔɔ ne yɛ' amanie sɛ, "Aka Mmoboro." Ne yere see, "Pɛ towa, fa nsuo gum', na fa kɔ." Ananse kɔɔ wuram' ɔbɛhwɛ sɛ Mmoboro sen hɔ, na ɔhwiee nsuo no bi na ɔpete guu Mmoboro no so.
Efei na ɔka kyerɛɛ Mmoboro no sɛ, "Ɔsuo ɛba yi, ankra mo ba na mo bɛ hyee me toa yim'a s'ankra osuo yi emmo mo, mo nfwe sɛ me de brodeɛ ahahan akata me soo?" Ena Mmoboro no see, "Ye'da w'ase Aku, ye'da w'ase Aku." Mmoboro no nnyina tuo toa nom', fom! Agya Ananse tuaa ano. Ɔsee, "Nkwaseafuo m'anya mo, me de mo kɔ gye Anyankonsɛm." Ode Mmoboro kɔ maa Nyame. Nyame see, "Me nsa aka, aka dee aka."
Ananse baa bio, bɛ ka kyerɛɛ ne yere see, "Aka Ɔsebɔ." Aso see, "Kɔ tu amana." Ananse see, "Gyae na mahu." Enie Ananse kɔ pɛɛ Ɔsebɔ kyeneno na otu amana tententen, na ɔkataa so, na ɔbaa 'fie. Adeekyeye anopa, Ananse sɛ ɔko, ɔbɛkoro, Ɔsebɔ na oda amanam'. Ananse see, "Agyawa 'ba! Enawa 'ba! sɛ maka akyerɛ wo sɛ nnom nsa, sese wo nokwa wako nom abo, nti na w'abe to amanam'; sɛ me kaase me beyi wo a, addekye wo kɔ hu me a, sɛ nso me 'ba biara a, na wo kɔ kye no." Ɔsebɔ sɛ, "O! me ntumi."
Ananse kɔ twaa nnua mmienu, de baako too ha, de baako too ha. Ɔsee, "Fa wo nsa baako to ha, na fa wo nsa baako soso to ha." Na Ɔsebɔ de totoye. Ɔse ɔfo' na Ananse ama sekan so, na wa ma n'anyam, ne tirim' gao! Ɔsebɔ gyee amanam' fom!
Ananse faa atwedeɛ de sii amanam' kɔ yii Ɔsebɔ. Ɔko yii Ɔsebɔ de no baye, ɔsee, "Kwasea me de wo kɔ gye Anyankonsɛm." Omaa Ɔsebɔ so, kɔ maa Nyame. Nyame see, "Me nsa aka, aka dee aka."
Ananse baye na ɔsenee Akua Ba, na ɔbɔɔ amane de tetaree Akua Ba no ho; na ɔfufuu to, na ɔde bi hyee Akua Ba no nsam', na ɔfufuu bi de guu ayowam'; ɔde homa soo Akua Ba asen, na ɔde no kosii odum ase babi a mmoatia bɛdi agoro.
Na mmoatia baako baye. Ɔsee, "Akua, me nni eto yi bi?" Na Ananse atwe homa no, na Akua Ba no abɔ ne tiri nko. Mmoatia ka kyeree ɔnua baako sɛ, "Ɔse me nni bi." Ɔsee, "Di bi ɛ." Na ɔdi aduane no wieye, na ɔdaa n'ase. Oda n'ase ɔmmua.
Na Mmoatia no ka kyerɛɛ ɔnua sɛ, "Me da n'ase a, ɔmmua." Mmoatia no nua ka kyerɛɛ no sɛ, "Bɔ no sum." Na wabɔ, pa! Na ne nsa aka hɔ. Ɔka kyerɛɛ ɔnua sɛ, "Me nsa aka hɔ." Ɔsee, "Fa baako a aka, bɔ no sum bio."
Na ɔde bɔɔ no pa! na 'yi no so aka hɔ. Na Mmoatia ka kyerɛɛ ɔnua sɛ, "Me nsa mmienu aka hɔ." Ɔsee, "Fa w'afu sum no." Ode sum no, na n'afu aka hɔ. Na Ananse baye na obe kyekyeree no; osee, "Kwasea m'anya wo, me de wo kɔ gye Anyankonsɛm." Na ode kɔɔ 'fie.
Na Ananse ka kyerɛɛ ɔni, Ya Nsia sɛ, "Sɔre, ma yɛn kɔ, me mfa wo nka Mmoatia yi ho nkɔ gye Anyankonsɛm." Ɔmaa yɛn so, kɔɔ Nyame hɔ. Ɔsee, "Nyame, Mmoatia ni, m'aberewa a me kaye no, nso ni."
Nyame so frɛɛ Ko'ntire ne Akwam', ne Adonten, ne Gyase, ne Oyoko, ne Ankobea, ne Kyidom.
Na ode tɔɔ yɛ'anim sɛ, "Ahene akesie akesie aba, ye'antumi antɔ Anyankonsɛm, Kwaku Ananse dee watumi atɔ; m'agye no Mmoboro; m'agye no Mmoatia; m'agye no Ɔsebɔ; m'agye no Onini; ɔno ara Ananse de oni ato so; nnooma no nnyina na egu hɔ yi." Ɔsee, "Mo mpene no." Ye see, "Eee!"
Nyankonpon see, "Kwaku Ananse, ɛfiri nne ɛkoro yi, me de Anyankonsɛm me kye wo, kose! kose! kose! Yɛ'mmfrɛ no Anyankonsem bio, na yɛ'mfrɛ no Anansesɛm." M'anansesɛm a metooye yi, sɛ ɛyɛ dɛ o, sɛ ɛnnyɛ dɛ o, momfa bi nkɔ, na momfa bi mmera.